Jeremiah 7

Atoro Nyamesom So Nni Mfaso

1Eyi ne asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn: 2“Gyina Awurade asɔredan no pon ano, na ka saa asɛm yi:

“ ‘Muntie Awurade asɛm, mo nnipa a mowɔ Yuda nyinaa a mofa apon yi ano kɔsom Awurade.
3Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: Monsakra mo akwan ne mo nneyɛe, na mɛma mo atena ha. 4Mommfa mo ho nto nnaadaasɛm so na monnka se, “Eyi ne Awurade asɔredan, Awurade asɔredan, Awurade asɔredan!” 5Sɛ mosakra mo akwan ne mo nneyɛe nokware mu, na mo ne mo ho mo ho di no trenee mu, 6sɛ moanhyɛ ɔhɔho, ayisaa anaa okunafo so, na moanhwie mogya a edi bem angu wɔ ha, na moanni anyame foforo akyi ankɔ mo ara ɔsɛe mu a, 7ɛno de, mɛma mo atena ha, asase a mede maa mo agyanom afebɔɔ no so. 8Nanso monhwɛ, mode mo ho ato nnaadaa nsɛm a so nni mfaso so.

9“ ‘Mobɛbɔ korɔn na moadi awu, mobɛbɔ aguaman na moadi adansekurum, mobɛhyew nnuhuam ama Baal na moadi anyame afoforo a munnim wɔn akyi, 10na afei, moaba abegyina mʼanim wɔ ofi a me din da so na moaka se, “Yenni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwade yi nyinaa a na munni ɔhaw ana? 11Na ofi a me din da so yi, abɛyɛ adwowtwafo tu ama mo ana? Nanso migu so rehwɛ! Awurade na ose.

12“ ‘Na afei monkɔ Silo, faako a midii kan bɔɔ atenae de me Din too so, na monhwɛ nea meyɛɛ no esiane me nkurɔfo Israelfo amumɔyɛ nti. 13Bere a moreyɛ eyinom nyinaa, Awurade na ose, mekasa kyerɛɛ mo mpɛn bebree, nanso moantie; mefrɛɛ mo, nanso moannye so. 14Ɛno nti, sɛnea meyɛɛ Silo no, mede bɛyɛ ofi a me Din da so no, asɔredan a mode mo ho to so, baabi a mede maa mo ne mo agyanom no. 15Mɛpam mo afi mʼanim sɛnea meyɛɛ mo nuanom Efraimfo no.’

16“Enti mommmɔ mpae mma saa nnipa yi, monnsrɛ na munni mma wɔn nso; monnsrɛ me, efisɛ merentie mo. 17Munnhu nea wɔreyɛ wɔ Yuda nkurow no mu ne Yerusalem mmɔnten so no ana? 18Mmofra boaboa nnyina ano, na agyanom sɔ ogya no ano, mmea fɔtɔw asikresiam de to brodo ma Ɔsoro Hemmea. Na wogu nsa ma anyame afoforo de hyɛ me abufuw. 19Na ɛyɛ me na wɔrehyɛ me abufuw ana? Awurade na ose. Na ɛnyɛ wɔn mmom na wɔrehaw wɔn ho, hyɛ wɔn ho aniwu ana?

20“ ‘Ɛno nti, nea Otumfo Awurade se ni: Wobehwie mʼabufuw ne mʼabufuwhyew agu beae yi so, agu nnipa ne mmoa, mfuw so nnua ne asase no so aba so, na ɛbɛdɛw a ɛrennum.’ 

21“ ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Monkɔ so, momfa mo ɔhyew afɔrebɔ nka mo afɔrebɔ a aka no ho, na mo ankasa monwe nam no! 22Na bere a miyii mo agyanom fii Misraim na mekasa kyerɛɛ wɔn no, manhyɛ wɔn mmara a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ ne afɔrebɔ ho nko ara, 23mmom mede saa mmara yi kaa ho: Monyɛ osetie mma me, na mɛyɛ mo Nyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfo. Monnantew akwan nyinaa a mɛhyɛ mo no so, na asi mo yiye. 24Nanso wɔantie na wɔanyɛ aso; mmom, wofi wɔn koma bɔne mu yɛɛ asoɔden. Wɔsan wɔn akyi na wɔankɔ wɔn anim. 25Efi bere a mo agyanom fii Misraim de besi nnɛ yi, da biara ne bere biara mesomaa me nkoa adiyifo baa mo nkyɛn. 26Nanso wɔantie me na wɔanyɛ aso. Wɔde asoɔden yɛɛ bɔne boroo wɔn agyanom de so.’ 

27“Sɛ moka eyinom nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie mo; sɛ mofrɛ wɔn a wɔrennye so. 28Ɛno nti monka nkyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne ɔman a ɔnyɛɛ osetie mmaa Awurade, ne Nyankopɔn, na ɔmfaa nteɛso no. Nokware asa, na afi wɔn ano. 29Munyi mo tinwi na montow ngu, muntwa agyaadwo wɔ nkoko no so, efisɛ Awurade apo, na wagyaa saa awo ntoatoaso yi a wɔwɔ nʼabufuwhyew no ase akyidi.’ ”

Okum Bon No

30“ ‘Yudafo ayɛ bɔne wɔ mʼani so, sɛnea Awurade se ni. Wɔde ahoni a, ɛyɛ akyiwade asisi ofi a me Din da so mu de agu ho fi. 31Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea wɔ Ben Hinom bon mu; ɛhɔ na wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea. Ade a manhyɛ wɔn na amma mʼadwene mu nso. 32Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna no reba, Awurade na ose, a wɔremfrɛ hɔ Tofet anaa Hinom Bon bio, na mmom, wɔbɛfrɛ no Okum Bon, efisɛ wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ hɔ bɛyɛ ma. 33Na afei saa nnipa yi afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa, na ɛrenka obiara wɔ hɔ a ɔbɛpam wɔn. 34Mede ahosɛpɛw ne anigye nnyigyei, ayeforo ne ayeforokunu nne a ɛwɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so no bɛba awiei, efisɛ asase no bɛda mpan.’ ”
Copyright information for TwiAKNA